Abasem a ɛfa Wangari Maathai
Nicola Rijsdijk
Maya Marshak

Akuraa no a ɛwɔ Kenya bepɔ nsaneeɛ so wɔ Abibirem yi mu apueɛ mantam mu na abaayewa ketewa bi ne ne maame yɛ afuo.

Na abaayewa no din de Wangari.

1

Na Wangari pɛ abɔntenkorɔ.

Ɔde sikan bɔɔ fam tutuu nwura de mfudeɛ hyehyɛɛ fam.

2

Berɛ a ɔpɛ pa ara wɔ da mu ne berɛ a ɔnwunu aduru. Ɛsum duru na n'ani nhunu dua biara, Wangari hu sɛ berɛ a ɔde kɔ fie no ayɛ berɛ.

Ɔfaa kwantea a wɔabɔ ato afuo no mu twitwa nsuo ahodoɔ a atwa ne ho ahyia de n'ani kyere efie.

3

Wangari yɛ abɔfra a n'adoene mu dɔ nti no ɔrehwɛ anim sɛ ɔbɛkɔ sukuu. Nanso na n'awofoɔ pɛ sɛ ɔboa wɔn wɔ efie.

Berɛ a Wangari dii nfeɛ nson no, ne nuabarima panin de too n'awofoɔ anim sɛ, wɔmma no nhyɛ sukuu ase.

4

Na Wangari pɛ adesua. Ɔsua noɔma pii firi nwoma biara a ne nsa bɛsom.

No nti, Ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ sukuu mu maa wɔtoo wɔn nsa frɛɛ no sɛ ɔmɛtoa n'adesua so wɔ Amerika.

Wangari ani gyee yie! Ɛnam sɛ na ɔpɛ sɛ ɔhunu deɛ ɛrekɔ so wɔ wiase afanaa nyinaa.

5

Wangari suaa nnoɔma ahodoɔ bebree wɔ Amerika Suapɔn no mu. Ɔsuaa adeɛ faa sɛnea yɛdua nnua ne kwan a ɛbɛfa so anyini.

Wei maa ɔkaekae kwan a ɔfaa so nyinii: bere a na ɔne ne nuonom di agorɔ wɔ Kenya forests fɛfɛɛfɛ no mu.

6

Ɔgu so resua nnoɔma ahodoɔ no, ɛmaa no bɛhunuu sɛ, ɔpɛ nnipa a wɔwɔ Kenya asɛm yie. Na na ɔpɛ sɛ wɔn ho tɔ wɔn na wɔn nni nso gye.

Berɛ biara no, sɛ ɔresua adeɛ a ɔkae ne man Afrika.

7

Ɔsan baa Kenya berɛ a n'adesua no baa awieɛ. Na mfuo bebree trɛɛ asaase no so a na mmaa nya ɛgya mpo nnua nnuane.

Ɛkɔm dee nnipa a na wɔhia mmoa.

8

Wangari kyerɛkyrɛɛ mmaa no sedeɛ yɛdua nnua ne kwan a wɔbɛhwɛ ama no anyini.

Mmaa no tɔɔn nnua no de sika no hwɛɛ wɔn abusuafoɔ.

Mmaa no nyaa akokoduro ne ahoɔden. Na nnua bebree nyinyiiɛ.

9

Mmerɛ rekɔ no, nnua no nyinyin bɛyɛɛ kwaeɛ, na ɛboa maa nsuo no hyɛɛ aseɛ baa bio.

Wangari ho nsɛm kɔɔ Abibirem afeno nyinaa. Ɛnɛ yi, nnua bebree anyinyini afiri Wangari nnuaba no mu.

10

Ɛnam n'adwumaden a ɔwɔ ma nnipa ne beaeɛ hɔ nti, ɔgyee abasobɔdeɛ wɔ amanɔne a na wɔfrɛ no Noble Peace Prize.

Wɔ 2004 mu, Wangari Maathai na na ɔyɛ ɔbaa wɔ Abibirem a ɔdii kan gyee saa animuonyam hyɛ abasobɔdeɛ yi ne Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia so.

11

Wangari wuiɛ wɔ afe 2011, nanso enɛyi sɛ yɛkae no a na yakae nnua.

Ɛno nti ɛsɛsɛ yɛ dua nua bebree na yɛsan hwɛ yɛn kwaeɛ nso so.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Abasem a ɛfa Wangari Maathai
Author - Nicola Rijsdijk
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Maya Marshak
Language - Asante Twi
Level - Longer paragraphs