Gyinaeɛ
Ursula Nafula
Vusi Malindi

Haw bebree na ɛwɔ m'akurase.

Yɛto santene ansa na yɛasa nsubura baako a ɛwɔ hɔ.

1

Na yɛtwɛn sɛ afoforɔ bɛma yɛn aduane.

2

Akorɔmfoɔ nti yɛtoto yɛn adan apono mu ntɛm.

3

Mmmɔfra bebree gyaegyae sukuu.

4

Mmaayewa nketewa nso yɛ nnwuma sɛ nkoa wɔ nkuro foforɔ so.

5

Aberɛ a na ebinom reyɛ adwuma wɔ nkorɔfoɔ nfuom no, na Mmeranteɛ no nso nam kuro no mu bankyerebankyere.

6

Sɛ ɛyɛ na sɛ mframa bɔ dendeenden nso a, ɛfa nnwura sensɛn nnua ne ɛban ahodoɔ so.

7

Mpentoa twitwa nnipa binom esiane nnoɔma a na ɔtoto gu basabasa no.

8

Wei na dakoro bi, nsuo no weeiɛ nti ɛmaa yɛn nnoɔma a yɛde bu nsuo mu yɛ hwee.

9

Me papa nante kɔɔ afie ne afie mu see wɔn sɛ, wɔmma wɔn nyɛ nhyiamu.

10

Nnipa twa hyiaa dua kɛseɛ bi ase a na wɔretie no.

11

Me papa sɔree ɛna ɔde too dwa sɛ, "Ɛwɔ sɛ yɛyɛ adwuma bɔ mu na yɛpɛ yɛn haw no ntoma gu berɛ."

12

Mfeɛ nwɔtwe ba Juma a na ɔte dua no abena baako so teaa mu kaa sɛ, "Ɔbɛtumi aboa ama wɔn aperapera."

13

Maame baako nso de too so sɛ, "Mmaa a ɛwɔ kuro no mu bɛtumi aka ne ho ama wɔn adua nnuane."

14

Papa baako nso sɔre kaa sɛ, "Mmarima no nyinaa bɛbom atu nsuo."

15

Yɛn nyinaa de ɛnne baako teaa mu sɛ, "Ɛwɔ sɛ yɛsesa yɛn suban."

Efiri saa da no, yɛyɛɛ adwuma bɔɔ mu de sii yɛn haw no ano.

16
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Gyinaeɛ
Author - Ursula Nafula
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Vusi Malindi
Language - Asante Twi
Level - First sentences