Aku ne no ice cream
Agnes Gyening-Asiedu
Offei Tettey Eugene

Dakoro bi, na maame reyԑ aduane. Ɔteamu frԑԑ sɛ, "Abena, Ajua, Akwasi, Aku, aduane no aben! Monfa mo nkyԑnsen mbra."

Maame maa obiara fufuo kakra. Ɔmaa obiara nkwan kakra. Ɛna ɔmaa obiara ɛnam kakra. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Mo nkɔ tenaase nnidi."

1

Aku hwɛɛ ne fufuo no. Ɔhwɛɛ ne nkwan no mu. Ɛna ɔhwɛɛ ne nam no. Ɔde ne kyɛnsen no sii hɔ abufuomu na osuiɛ. Maame bisaa no sɛ, "Aku, ɛdɛn na ɛha wo?"

Aku de esu kaa sɛ, "Me nam no na esua koraa." Maame bua no sɛ, "Sɛ wo na woyɛ akwadaa."

2

Aku suu dendeenden. Ɔtoo ne ho bɔɔ fam. Na maame ammpɛsɛ Aku be su.

Ɔteaa mu sɛ, "Abena, Ajua, Akwasi, monfa mo aduane no mmra ha ntɛm." Nnkwadaa no de wɔn aduane baae. Maame ka kyerɛɛ Aku sɛ, "Afei fa nam a wo pɛ."

3

Aku de anigyeԑ seree kakra. Ɔhwɛɛ Akwasi nam no na ɔkaa no tirim sɛ, "Akwasi nam yi so."

Ɔhwɛɛ Ajua nam no paa, na ɔkaa no trim sɛ, "Ajua nam yi so papa."

Ɔhwɛɛ Abena nam no nso yie. Na Abena nam no so papapaa. Ɔka kyrɛɛ maame sɛ, "Me pɛ Abena nam no."

4

Maame kaa sɛ, "Yoo, Abena, fa wo nam no ma Aku na gye no deɛ." Anyɛ Abena dɛ. Nanso na ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ asobrakyeɛ ama maame. Ɔ de ne nam no maa Aku.

Aku kaa no tirim sɛ, "Nam yi bɛ yɛ dɛ o." Ɔtenaa ase na ɔdidii anigye mu.

5

Pii! Pii! Na ɛyɛ icekrim wura no. Na ɔka bicycle kakraka bi. Ɔbɔɔ n'abɛn no bio.

Na Aku pɛ icekrim paa. Maame kaa sɛ, "Abena, fa me bag no bra. Mepɛsɛ me tɔ icekrim ma mo." Abena de bag no brɛɛ maame.

6

Maame ka kyerɛɛ Ice cream wura no sɛ, "Ma me icekrim no ɛnan, wai." Maame tuaa icekrim no ka na ɔ maa nkwadaa no nyinaa icekrim baako baako. Aku kan ice krim no, "Baako, mienu, miensa, ɛnan."

Ɔhwɛɛ no icekrim no. Na esua wɔ n'ani so. Ɔhwɛԑ Akwasi ice krim no yie. Na esua kakra kyen ne deɛ no.

7

Ɔhwɛԑ Ajua deɛ no paapapaa. Na esua koraa sɛn ne nyinaa. Na n'ani a gye. Ɔ kaa ne tirim sɛ, "Me ice krim no so sen obiara deɛ."

Ɔkaa ne tirim sɛ, "Twɛn, na menkɔ hwɛ Abena deɛ yi ɛnso o." Ɔtwe bɛn Abena. Obuie n'ano kakraa na osuiɛ.

8

Maame bisaa sɛ, "Aku adɛn?"

"Abena ice krim no so sen medeɛ no." Maame kaa sɛ, "Aku, w'ani bere adeɛ!"

Aku suu dendeeden. Ɔtoo ne ho to fam. Na maame werɛ hoo paa. Na ɔmpɛ sɛ Aku bɛ su.

9

Maame ka kyerɛ Abena sɛɛ, "Fa wo ice krim no ma Aku na gye ne deɛ no."

Anyɛ Abena dɛ. Na nso na ɔmpɛsɛ ɔbɛ bu maame anim tia. Ɔde ice krim no maa Aku. Aku ani hyerɛɛn yɛ. N'ani gyee yɛ na owiinwiɛ.

10

Ɔkaa no tirim sɛ, "Mmmm, icekrim yi bɛ yɛ dɛ o." Ɔbuei n'anomu kakraa na ɔkaa icekrim kakraka bi.

Ɔtea mu sɛ, "Ajiish!" na opee icekrim no frii n'anomu.

Maame bisaa no sɛ, "Dɛn biom?" Aku bua no sɛ, "Me ice krim no ye nyono."

11

Maame see no sɛ, "Aku, wo ho yɛ nwanwa. Fa icekrim no ma me." Maame gyee Aku icekrim no na ɔkaa kakraa hwɛe. Omunaa n'anim.

Maame kaa sɛ, "Afei mɛ hu adekrɔ ntia ice krim yi yɛ nyono. Asɛe entira. Na maame kaa sɛ, "Aku, kosɛ, na ɛnso wo nnya foforɔ. Sɛ afei w'ahunu sɛ ɛnsɛsɛ w'ani bɛ bere adeɛ?"

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Aku ne no ice cream
Author - Agnes Gyening-Asiedu
Illustration - Offei Tettey Eugene
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs