Me Kyerɛkyerɛfo
Zimbili Dlamini
Jesse Pietersen

Mepɛ me kyerɛkyerɛfo asɛm.

1

Ne ho yɛ fɛ. Ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa. Ɔwɔ ayamye ne ntoboase.

2

Wabɔ ne ti kamakama.

3

Ɔde nhene fɛfɛɛfɛ abobɔ ne trinwi no so.

4

Ne nhene no yɛ ahabammono, fitaa, kɔkɔɔ ne akakɔsrade.

5

Mama, me pa wo kyɛw wobɛbɔ me ti sɛ me kyerɛkyerɛfo yi sɛso?

6

Sɛ minyin a, me nso mede nhene bɛbobɔ me trinwi mu.

7

Menyin abɛyɛ panyin te sɛ me kyerɛkyerɛfo ara pɛ!

8
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Me Kyerɛkyerɛfo
Author - Zimbili Dlamini, Hlengiwe Zondi
Translation - Michael Baah-Agyeman
Illustration - Jesse Pietersen
Language - Akuapem Twi
Level - First words