Ɔhene Kayanja Ne Ne Babaa
Amana Yunus
Natalie Propa

Ɛmmerɛ tenten bi a atwam, ohene bi tenaa ase a na wɔfrɛ no Kayanja. Na ɔne ne hemaa ne wɔn babaa Apenyo na ɛte ahemfie. Ɔhene babaa Apenyo yɛ ɔbaayewa ahoɔfɛfoɔ a na ɔbarima biara pɛ sɛ ɔbɛware no. Nanso ɔhene Kayanja de atwameneboɔ too ne tiriadeɛ so.

1

Na ɔhene bi nso te bɛn ɔhene Kayanja ahenfie hɔ a wɔfrɛ no Ɔkɛseɛ Aludah. Na wɔfrɛ no "Ɔkɛseɛ" ɛfiri sɛ na obiara a ɔwɔ brɔno no so no yɛ setie ma no. (Sɛ obi yɛ asoɔden a ɔne nipakorɔ no di no nwononwono!) Na ɔhene Aludah repɛ yere foforɔ ɛfiri sɛ na huraeɛ akum ne yere ɛberɛ tiawa bi a atwam no.

2

Ɛno nti ɔhene akwakora kɛseɛ yi kɔɔ ɔhene Kayanja hɔ sɛ ɔrekotua ne babaa tiriadeɛ ama no. Ɛberɛ a na mmarima baanu yi redi abooboo wɔ tiriadeɛ no ho no, afenaa Kakembo tee wɔn nkɔmmɔ no. Afenaa Kakembo yi bɛn ɔhene babaa Apenyo paa yie.

3

Ɔhene Aludah gyee apene sɛ ɔde n'agyapadeɛ mu fa bɛma ɔhene Kayanja, ɛne paneɛ a ɛka ɔbaa tiriadeɛ ho. Ɔhene Aludah yɛɛ ɔhene babaa Apenyo awareɛ no ho nhyehyɛe wɔ ɛsum ase. Na ɔhene no nim sɛ ne babaa no ani ɛnngye saa nhyehyeɛ yi ho.

4

Aka nnawɔtwe na adehyeɛ ayeforohyia no aduru so no, afenaa Kakembo kɔɔ Apenyo nkyɛn. Kakembo kaa sɛ, "Me dɔfo ɔhene babaa, wo papa ahyehyɛ wo ne ɔhene Aludah ayeforɔhyia, na ɛbɛba so nnawɔtwe baako a ɛreba yi ara."

5

Ɔhene babaa Apenyo ho dwirii no na ahyɛaseɛ no na ɔnhu deɛ ɔnyɛ. Afei ɔfaa adwene sɛ, "Menware ɔhene Aludah da, saa akɔkora kɛseɛ no. Dabida! Ɛsɛ sɛ me yɛ ntɛm kɔ Trevor hɔ na mehwɛ deɛ ɔbɛtumi ayɛ ansaa na aka akyire." Trevor yɛ ɔhene babaa no mpena.

6

Saa anadwo no ara Apenyo yɛɛ nwaa pue firii ahenfie hɔ. Sɛ ne papa hunu baabi a ɔrekɔ ane bo bɛfu yie. Ɔdwane faa kwaeɛberentuo bi mu, tratraa abotan ne mfofo mu kosii sɛ ɔkɔduruu Trevor hɔ. Ɛberɛ a ɔkɔduruu ne fie hɔ no na wabrɛ, ɛkɔm, ɛne sukɔm de no.

7

Trevor bisaa no sɛ, "Me dɔfo, adɛn na wo nko ara de mmirika twa kwantenten saa anadwo berɛ yi?" Ɔsaa nsuo maa no nomee na ɔmaa no gyee n'ahome. Na Trevor ntumi ngyina faako, berɛ a na ɔretwɛn sɛ Apenyo bɛkasa.

8

Trevor bisaeɛ sɛ, "Me dɔfo ɔhene babaa, ɛyɛ asɛm bɛn?" Apenyo guu ahomekokoɔ kɛseɛ de awereɛhoɔ kaa sɛ, "Me papa pɛ sɛ ɔde me ma ɔhene Aludah Ɔkeseɛ awareɛ. Nanso merentumi nnware saa ɔbarima a ne ho huhuuhu sɛ yi. Trevor, sɛ ahia wo mpo a woara na mɛware wo. Mayɛ krado sɛ mɛhunu amaneɛ. Medɔ wo."

9

Trevor de awerɛhoɔ kaa sɛ, "Ɔhene babaa, menni hwee a me de bɛtua wo tiriadeɛ, wonim sɛ meyɛ abarimaa hiani." Apenyo buaeɛ sɛ, "Menim, nanso wo nko ara na mɛtumi aware wo."  Ɔdwenee kakra na ɔkaa sɛ, "Ma yɛnkɔ Kategga kodoɔwura no hɔ, na ɔmfa yɛn ntwa nkɔ asuogya. Saa kwan yi so na yɛbɛtumi afa adwane a me papa nhu yɛn akyiri bio."

10

Wɔ ahenefie hɔ no, ɔhene Kayanja ahunu sɛ ɔhene babaa Apenyo adwane enti ɔhyɛɛ ne nkoa sɛ wɔnkɔ nkuraa no ase nyinaa nkɔhwehwɛ no mmra. Ɔhene no awenfoɔ, asraafoɔ ne obiara hwehwɛeɛ nanso wɔanhunu ɔhene babaa Apenyo. Wɔsan kɔɔ ɔhene no hɔ kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ wɔanhunu Apenyo wɔ baabiara. Ɔhene Kayanja hyɛɛ wɔn ketee sɛ, "Monkɔ ɛwiram nkɔhwehwɛ no." Ne bo afu yie.

11

Ɛberɛ a ɔhene babaa Apenyo ne Trevor repɛ ntɛm adwane akɔ asubɔnten no ho no, mmununkum tuum bi hyɛɛ aseɛ boaboaa ano wɔ ewiem. Na ahunum denden bi rebobɔ ba.

12

Ɛberɛ a kodoɔwura Kategga rekyekyere ne bonto no na mmabunu awarefoɔ yi baa ne nkyɛn. Trevor ka kyerɛɛ Kategga sɛ ɔmfa wɔn ntwa asubɔnten no. Kategga ampene so, na ɔkyerɛɛ wɔn mu sɛ ahunum kɛseɛ bi rebobɔ ba ɛhareso a ɛyɛ hu yie.

13

Trevor hyɛɛ no ketee, kyerɛɛ mu kyerɛɛ Kategga deɛ enti a ɛsɛ sɛ wɔtwa asubɔnten no. Afei ɔde ne nsa hyɛɛ ne bɔtɔ mu yii sedeɛ a ɔde rebɛma Kategga. Ɛberɛ a Kategga tee wɔn asɛm no, na ɔhwɛɛ sika sedeɛ no fɛ no, wɔn adeɛ yɛɛ ne mmɔbɔ. Ɔpenee so sɛ ɔde wɔn bɛtwa asubɔnten no, ɛmfa ho ne ɛwiem a ayɛ basaa.

14

Kategga twee kodoɔ no kɔɔ nsuo no ano, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔtena mu. Ɔfaa ne tabono na ɔfiri aseɛ hareeɛ. Ɛberɛ a ɔhene Kayanja ne ɔhene Aludah duruu asubɔnten no ho no, wɔhunuu nnipa baasa wɔ kodoɔ no mu. Wɔnyaa wɔn ho ntease sɛ adɔfo no anya adwane.

15

Mframa denden bi wosoo kodoɔ no a Kategga antumi anyɛ ho hwee. Ɔhene Kayanja team sɛ, "Apenyo, mepa wo kyɛw san w'akyi bra! Mede wo bɔne akyɛ wo na merentwe wo ne Trevor aso bio." Nanso na aka akyire. Kodoɔ no muntumuiɛ too nnipa baasa no guu nsuo no mu. Wɔn nyinaa memee. Ɛfiri saa da no, obiara a ɔwɔ ɔhene Kayanja ahennie mu no tumi ware obiara ɔpɛ, sɛ wɔyɛ asikafoɔ anaa ahiafɔ.

16
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ɔhene Kayanja Ne Ne Babaa
Author - Amana Yunus
Translation - Henrietta Afrani (OLE Ghana)
Illustration - Natalie Propa
Language - Asante Twi
Level - Longer paragraphs